Titus 1:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛsɛ sɛ ɔyɛ obi a ɔpɛ ahɔhoyɛ na nʼani gye deɛ ɛyɛ ho na nʼadwenem da hɔ na ɔtene na ɔyɛ kronn na ɔwɔ ahohyɛsoɔ.
Titus 1:8 in English
Titus 1:8 · Berean Standard Bible
Instead, he must be hospitable, a lover of good, self-controlled, upright, holy, and disciplined.
Context
6Kae mmara a mehyɛ maa wo no. Ɔpanin yɛ obi a ne ho nni asɛm na ɔwɔ yere baako na ne mma yɛ agyidifoɔ a wɔmmɔ ahohwi bra, na wɔnyɛ asoɔden nso. 7Ɛnsɛ sɛ mfomsoɔ biara ba ɔpanin no ho ɛfiri sɛ, Onyame adwuma hyɛ ne nsa. Ɛnsɛ sɛ ɔyɛ ahomasoɔ, anaa obi a ne bo nkyɛre fu anaa ɔkɔwensani anaa basabasayɛfoɔ anaa sikanibereɛfoɔ. 8Ɛsɛ sɛ ɔyɛ obi a ɔpɛ ahɔhoyɛ na nʼani gye deɛ ɛyɛ ho na nʼadwenem da hɔ na ɔtene na ɔyɛ kronn na ɔwɔ ahohyɛsoɔ. 9Ɛsɛ sɛ ɔsɔ asɛm no mu denden sɛdeɛ wɔkyerɛɛ no no. Sɛ ɛba saa a, ɔbɛtumi ahyɛ afoforɔ den wɔ saa nkyerɛkyerɛ pa no mu, na wada wɔn a wɔtia asɛm no mu no nso mfomsoɔ adi. 10Nnipa pii wɔ hɔ a wɔsɔre tia na wɔnam wɔn nkwaseasɛm so daadaa afoforɔ, ne titire no, wɔn a wɔfiri twetiatwasom no mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.