Titus 1:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛnsɛ sɛ mfomsoɔ biara ba ɔpanin no ho ɛfiri sɛ, Onyame adwuma hyɛ ne nsa. Ɛnsɛ sɛ ɔyɛ ahomasoɔ, anaa obi a ne bo nkyɛre fu anaa ɔkɔwensani anaa basabasayɛfoɔ anaa sikanibereɛfoɔ.
Titus 1:7 in English
Titus 1:7 · Berean Standard Bible
As God’s steward, an overseer must be above reproach—not self-absorbed, not quick-tempered, not given to drunkenness, not violent, not greedy for money.
Context
5Megyaa wo Kreta sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wobɛtoto nneɛma a aka no pɛpɛɛpɛ na wayi mpanimfoɔ atuatua asafo a ɛwɔ kuro biara mu no ano. 6Kae mmara a mehyɛ maa wo no. Ɔpanin yɛ obi a ne ho nni asɛm na ɔwɔ yere baako na ne mma yɛ agyidifoɔ a wɔmmɔ ahohwi bra, na wɔnyɛ asoɔden nso. 7Ɛnsɛ sɛ mfomsoɔ biara ba ɔpanin no ho ɛfiri sɛ, Onyame adwuma hyɛ ne nsa. Ɛnsɛ sɛ ɔyɛ ahomasoɔ, anaa obi a ne bo nkyɛre fu anaa ɔkɔwensani anaa basabasayɛfoɔ anaa sikanibereɛfoɔ. 8Ɛsɛ sɛ ɔyɛ obi a ɔpɛ ahɔhoyɛ na nʼani gye deɛ ɛyɛ ho na nʼadwenem da hɔ na ɔtene na ɔyɛ kronn na ɔwɔ ahohyɛsoɔ. 9Ɛsɛ sɛ ɔsɔ asɛm no mu denden sɛdeɛ wɔkyerɛɛ no no. Sɛ ɛba saa a, ɔbɛtumi ahyɛ afoforɔ den wɔ saa nkyerɛkyerɛ pa no mu, na wada wɔn a wɔtia asɛm no mu no nso mfomsoɔ adi.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.