Native Bible

Titus 1:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Meretwerɛ akɔma me ba Tito afa gyidie baako a yɛn nyinaa kura mu no ho: Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri Agya Onyankopɔn ne Kristo Yesu, yɛn Agyenkwa no nka wo!

Titus 1:4 in English

Titus 1:4 · Berean Standard Bible

To Titus, my true child in our common faith: Grace and peace from God the Father and Christ Jesus our Savior.

Context

2a ne nnyinasoɔ yɛ nkwa a ɛnni awieeɛ no. Onyankopɔn a ɔnni atorɔ no hyɛɛ yɛn asetena yi ho bɔ ansa na ɔrefiri ewiase ase; 3na ɛberɛ a ɛsɛ mu no, ɔdaa asɛm no a daa yɛka ho asɛm no adi. Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Agyenkwa na wafrɛ me sɛ menyɛ adwuma a ɔde ahyɛ me nsa yi. 4Meretwerɛ akɔma me ba Tito afa gyidie baako a yɛn nyinaa kura mu no ho: Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri Agya Onyankopɔn ne Kristo Yesu, yɛn Agyenkwa no nka wo! 5Megyaa wo Kreta sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wobɛtoto nneɛma a aka no pɛpɛɛpɛ na wayi mpanimfoɔ atuatua asafo a ɛwɔ kuro biara mu no ano. 6Kae mmara a mehyɛ maa wo no. Ɔpanin yɛ obi a ne ho nni asɛm na ɔwɔ yere baako na ne mma yɛ agyidifoɔ a wɔmmɔ ahohwi bra, na wɔnyɛ asoɔden nso.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.