Titus 1:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
a ne nnyinasoɔ yɛ nkwa a ɛnni awieeɛ no. Onyankopɔn a ɔnni atorɔ no hyɛɛ yɛn asetena yi ho bɔ ansa na ɔrefiri ewiase ase;
Titus 1:2 in English
Titus 1:2 · Berean Standard Bible
in the hope of eternal life, which God, who cannot lie, promised before time began.*
Context
1Nwoma yi firi Onyankopɔn ɔsomfoɔ ne Yesu Kristo somafoɔ Paulo nkyɛn. Wɔyii me na wɔsomaa me sɛ memmɛboa nhyɛ nnipa a Onyankopɔn ayi wɔn no gyidie mu den na menkyerɛkyerɛ wɔn nokwasɛm a ɛde nyamesuro ba, 2a ne nnyinasoɔ yɛ nkwa a ɛnni awieeɛ no. Onyankopɔn a ɔnni atorɔ no hyɛɛ yɛn asetena yi ho bɔ ansa na ɔrefiri ewiase ase; 3na ɛberɛ a ɛsɛ mu no, ɔdaa asɛm no a daa yɛka ho asɛm no adi. Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Agyenkwa na wafrɛ me sɛ menyɛ adwuma a ɔde ahyɛ me nsa yi. 4Meretwerɛ akɔma me ba Tito afa gyidie baako a yɛn nyinaa kura mu no ho:
Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri Agya Onyankopɔn ne Kristo Yesu, yɛn Agyenkwa no nka wo!
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.