Nnwom Mu Dwom 6:3
Song of Songs 6:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Me dɔfoɔ yɛ me dea, na me nso me wɔ no; ɔkyinkyin sukooko no mu.
Song of Songs 6:3 in English
Song of Songs 6:3 · Berean Standard Bible
I belong to my beloved and he belongs to me; he pastures his flock among the lilies.
Context
1Ɛhe na wo dɔfoɔ no korɔ
mmaa ahoɔfɛfoɔ mu ahoɔfɛ?
Ɛhe na wo dɔfoɔ dane faeɛ,
na yɛne wo nkɔhwehwɛ no? 2Me dɔfoɔ kɔ ne turo mu,
faako a pɛperɛ nkofie wɔ hɔ,
ɔkɔkyinkyini turo no mu
akɔboaboa sukooko ano. 3Me dɔfoɔ yɛ me dea, na me nso me wɔ no;
ɔkyinkyin sukooko no mu. 4Me dɔfoɔ, wo ho yɛ fɛ te sɛ Tirsa,*
wʼahoɔfɛ te sɛ Yerusalem,
wosi pi te sɛ asraafoɔ a wɔretu frankaa. 5Ɛnhwɛ me saa;
wo ma me yɛ basaa.
Wo tirinwi te sɛ mpapokuo a
wɔresiane firi Gilead.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.