Native Bible

Song of Songs 6:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Me dɔfoɔ, wo ho yɛ fɛ te sɛ Tirsa,* wʼahoɔfɛ te sɛ Yerusalem, wosi pi te sɛ asraafoɔ a wɔretu frankaa.

Song of Songs 6:4 in English

Song of Songs 6:4 · Berean Standard Bible

You are as beautiful, my darling, as Tirzah, as lovely as Jerusalem, as majestic as troops with banners.

Context

2Me dɔfoɔ kɔ ne turo mu, faako a pɛperɛ nkofie wɔ hɔ, ɔkɔkyinkyini turo no mu akɔboaboa sukooko ano. 3Me dɔfoɔ yɛ me dea, na me nso me wɔ no; ɔkyinkyin sukooko no mu. 4Me dɔfoɔ, wo ho yɛ fɛ te sɛ Tirsa,* wʼahoɔfɛ te sɛ Yerusalem, wosi pi te sɛ asraafoɔ a wɔretu frankaa. 5Ɛnhwɛ me saa; wo ma me yɛ basaa. Wo tirinwi te sɛ mpapokuo a wɔresiane firi Gilead. 6Wo se te sɛ nnwankuo a wɔatwitwa wɔn ho nwi foforɔ, a wɔfiri adwareɛ. Wɔnam mmienu mmienu na wɔn mu biara nyɛ ankonam.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.