Nnwom Mu Dwom 6:11
Song of Songs 6:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mesiane kɔɔ nnuaba pɔ mu hɔ sɛ merekɔhwehwɛ afifideɛ foforɔ a ɛwɔ bɔnhwa no mu, sɛ bobe no agu nhyerɛnne anaasɛ ateaa no ayɛ frɔmm.
Song of Songs 6:11 in English
Song of Songs 6:11 · Berean Standard Bible
I went down to the walnut grove to see the blossoms of the valley, to see if the vines were budding or the pomegranates were in bloom.
Context
9nanso mʼaborɔnoma a ne ho nni asɛm da mu fua;
ɔno nko ara ne ne maame babaa,
ɔno na deɛ ɔwoo no no pɛ nʼasɛm.
Mmabaawa hunu no no, wɔfrɛɛ no nhyira;
ahemaa ne mpenafoɔ kamfoo no. 10Hwan na wapue sɛ ahemadakye yi,
ɔyɛ frɔmm sɛ ɔsrane, na ɔhyerɛn sɛ owia,
nʼanimuonyam te sɛ nsoromma a wɔsa so. 11Mesiane kɔɔ nnuaba pɔ mu hɔ
sɛ merekɔhwehwɛ afifideɛ foforɔ a ɛwɔ bɔnhwa no mu,
sɛ bobe no agu nhyerɛnne
anaasɛ ateaa no ayɛ frɔmm. 12Mʼani baa me ho so no
na mʼadwene de me abɛsi me nkurɔfoɔ adehyeɛ nteaseɛnam so. 13Sane wʼakyi, sane wʼakyi, Ao, Sulamit abaayewa;
Sane bra, sane bra ma yɛn nhwɛ wo!
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.