Native Bible

Song of Songs 6:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Hwan na wapue sɛ ahemadakye yi, ɔyɛ frɔmm sɛ ɔsrane, na ɔhyerɛn sɛ owia, nʼanimuonyam te sɛ nsoromma a wɔsa so.

Song of Songs 6:10 in English

Song of Songs 6:10 · Berean Standard Bible

Who is this who shines like the dawn, as fair as the moon, as bright as the sun, as majestic as the stars in procession?

Context

8Ebia na ɔyerenom yɛ aduosia, mpenafoɔ bɛyɛ aduɔwɔtwe, ne mmabaawa dodoɔ a wɔntumi nkan wɔn; 9nanso mʼaborɔnoma a ne ho nni asɛm da mu fua; ɔno nko ara ne ne maame babaa, ɔno na deɛ ɔwoo no no pɛ nʼasɛm. Mmabaawa hunu no no, wɔfrɛɛ no nhyira; ahemaa ne mpenafoɔ kamfoo no. 10Hwan na wapue sɛ ahemadakye yi, ɔyɛ frɔmm sɛ ɔsrane, na ɔhyerɛn sɛ owia, nʼanimuonyam te sɛ nsoromma a wɔsa so. 11Mesiane kɔɔ nnuaba pɔ mu hɔ sɛ merekɔhwehwɛ afifideɛ foforɔ a ɛwɔ bɔnhwa no mu, sɛ bobe no agu nhyerɛnne anaasɛ ateaa no ayɛ frɔmm. 12Mʼani baa me ho so no na mʼadwene de me abɛsi me nkurɔfoɔ adehyeɛ nteaseɛnam so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.