Nnwom Mu Dwom 2:5
Song of Songs 2:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Momma me bobe aba na menya ahoɔden, momma me aprɛ na ɛnnwodwo me, ɛfiri sɛ ɔdɔ ama matɔ baha.
Song of Songs 2:5 in English
Song of Songs 2:5 · Berean Standard Bible
Sustain me with raisins; refresh me with apples, for I am faint with love.
Context
3Sɛdeɛ aprɛ teɛ wɔ kwaeɛ mu nnua mu no
saa ara na me dɔfoɔ teɛ wɔ mmaranteɛ mu.
Sɛ metena ne nwunu mu a, menya ahomeka
na nʼaba nso yɛ mʼanom dɛ. 4Ɔde me akɔ apontoɔ ase,
na mʼahyɛnsodeɛ yɛ ɔdɔ. 5Momma me bobe aba na menya ahoɔden,
momma me aprɛ na ɛnnwodwo me,
ɛfiri sɛ ɔdɔ ama matɔ baha. 6Ne nsa benkum da mʼatikɔ,
na ne nsa nifa aka me afam ne bo. 7Yerusalem mmammaa, mehyɛ mo sɛ,
Momfa wiram atwewa ne ɔforoteɛ nka ntam sɛ
morennyane, na morenhwanyane ɔdɔ mu
kɔsi ɛberɛ a ɛsɛ mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.