Native Bible

Ruth 1:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛbaa sɛ Naomi kunu Elimelek wuiɛ ma ɛkaa ne mmammarima baanu no.

Ruth 1:3 in English

Ruth 1:3 · Berean Standard Bible

Then Naomi’s husband Elimelech died, and she was left with her two sons,

Context

1Ɛberɛ a na atemmufoɔ di Israel so no, ɛkɔm baa asase no so. Ɔbarima bi a ɔfiri Betlehem wɔ Yuda ne ne yere ne ne mmammarima baanu tutu firii asase no so kɔtenaa Moab. 2Na ɔbarima no din de Elimelek* ɛnna ne yere nso din de Naomi. Ne mmammarima baanu no nso, na wɔn din de Mahlon ne Kilion. Wɔyɛ Efratifoɔ a wɔfiri Betlehem wɔ Yuda. Wɔkɔɔ Moab kɔtenaa hɔ. 3Ɛbaa sɛ Naomi kunu Elimelek wuiɛ ma ɛkaa ne mmammarima baanu no. 4Wɔwarewaree Moabfoɔ mmaa. Na ɔbaako din de Orpa na deɛ ɔka ho no nso din de Rut. Wɔtenaa hɔ bɛyɛ sɛ mfeɛ edu no, 5Mahlon ne Kilion nso wuwuiɛ. Enti, ɛmaa Naomi tenaa ase a wahwere ne mmammarima baanu no ne ne kunu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.