Ruth 1:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔwarewaree Moabfoɔ mmaa. Na ɔbaako din de Orpa na deɛ ɔka ho no nso din de Rut. Wɔtenaa hɔ bɛyɛ sɛ mfeɛ edu no,
Ruth 1:4 in English
Ruth 1:4 · Berean Standard Bible
who took Moabite women as their wives, one named Orpah and the other named Ruth. And after they had lived in Moab about ten years,
Context
2Na ɔbarima no din de Elimelek* ɛnna ne yere nso din de Naomi. Ne mmammarima baanu no nso, na wɔn din de Mahlon ne Kilion. Wɔyɛ Efratifoɔ a wɔfiri Betlehem wɔ Yuda. Wɔkɔɔ Moab kɔtenaa hɔ. 3Ɛbaa sɛ Naomi kunu Elimelek wuiɛ ma ɛkaa ne mmammarima baanu no. 4Wɔwarewaree Moabfoɔ mmaa. Na ɔbaako din de Orpa na deɛ ɔka ho no nso din de Rut. Wɔtenaa hɔ bɛyɛ sɛ mfeɛ edu no, 5Mahlon ne Kilion nso wuwuiɛ. Enti, ɛmaa Naomi tenaa ase a wahwere ne mmammarima baanu no ne ne kunu. 6Ɛberɛ a ɔtee wɔ Moab hɔ sɛ Awurade abɛdom ne nkurɔfoɔ a wɔwɔ Yuda na wama wɔn aduane no, Naomi ne ne nsenom yi yɛɛ ahoboa sɛ wɔrefiri Moab asane akɔ ne kurom.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.