Romafoɔ 8:24
Romans 8:24 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na wɔnam saa anidasoɔ yi so gyee yɛn nkwa. Sɛ yɛhunu deɛ yɛn ani da so no deɛ a, na ɛnyɛ anidasoɔ bio. Na hwan na nʼani tumi da adeɛ a ɔwɔ dada so.
Romans 8:24 in English
Romans 8:24 · Berean Standard Bible
For in this hope we were saved; but hope that is seen is no hope at all. Who hopes for what he can already see?
Context
22Yɛnim sɛ ɛbɛsi saa ɛberɛ yi abɔdeɛ nyinaa pene sɛ ɔpemfoɔ a awoɔ aka no. 23Nanso, ɛnyɛ abɔdeɛ nko, na yɛn a yɛwɔ Onyankopɔn Honhom sɛ Onyankopɔn akyɛdeɛ no nso si apinie ɛberɛ a yɛretwɛn sɛ Onyankopɔn de yɛn bɛyɛ ne mma. Yei kyerɛ sɛ yɛbɛde yɛn ho ɔhonam fam nso. 24Na wɔnam saa anidasoɔ yi so gyee yɛn nkwa. Sɛ yɛhunu deɛ yɛn ani da so no deɛ a, na ɛnyɛ anidasoɔ bio. Na hwan na nʼani tumi da adeɛ a ɔwɔ dada so. 25Na sɛ yɛn ani da adeɛ a yɛn nsa nkaeɛ so a, yɛde boasetɔ twɛn. 26Saa ara na Honhom no boa yɛn wɔ yɛn mmerɛyɛ mu, ɛfiri sɛ, yɛnnim ɛkwan a wɔfa so bɔ mpaeɛ sɛdeɛ ɛsɛ. Honhom no ankasa de apinisie de nsɛm a ɛnni kabea di ma yɛn.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.