Romafoɔ 8:22
Romans 8:22 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yɛnim sɛ ɛbɛsi saa ɛberɛ yi abɔdeɛ nyinaa pene sɛ ɔpemfoɔ a awoɔ aka no.
Romans 8:22 in English
Romans 8:22 · Berean Standard Bible
We know that the whole creation has been groaning together in the pains of childbirth until the present time.
Context
20Ɛfiri sɛ, ɛberɛ a ɛmfiri abɔdeɛ pɛ mu no, wɔnam Onyankopɔn tumi mu buu abɔdeɛ fɔ sɛ ɛnnane ade hunu. Nanso na saa anidasoɔ yi wɔ hɔ 21sɛ, da bi abɔdeɛ no bɛde ne ho afiri nkoayɛ ne porɔeɛ mu na ɛne Onyankopɔn mma anya ahofadie mu animuonyam. 22Yɛnim sɛ ɛbɛsi saa ɛberɛ yi abɔdeɛ nyinaa pene sɛ ɔpemfoɔ a awoɔ aka no. 23Nanso, ɛnyɛ abɔdeɛ nko, na yɛn a yɛwɔ Onyankopɔn Honhom sɛ Onyankopɔn akyɛdeɛ no nso si apinie ɛberɛ a yɛretwɛn sɛ Onyankopɔn de yɛn bɛyɛ ne mma. Yei kyerɛ sɛ yɛbɛde yɛn ho ɔhonam fam nso. 24Na wɔnam saa anidasoɔ yi so gyee yɛn nkwa. Sɛ yɛhunu deɛ yɛn ani da so no deɛ a, na ɛnyɛ anidasoɔ bio. Na hwan na nʼani tumi da adeɛ a ɔwɔ dada so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.