Romafoɔ 8:26
Romans 8:26 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Saa ara na Honhom no boa yɛn wɔ yɛn mmerɛyɛ mu, ɛfiri sɛ, yɛnnim ɛkwan a wɔfa so bɔ mpaeɛ sɛdeɛ ɛsɛ. Honhom no ankasa de apinisie de nsɛm a ɛnni kabea di ma yɛn.
Romans 8:26 in English
Romans 8:26 · Berean Standard Bible
In the same way, the Spirit helps us in our weakness. For we do not know how we ought to pray, but the Spirit Himself intercedes for us with groans too deep for words.
Context
24Na wɔnam saa anidasoɔ yi so gyee yɛn nkwa. Sɛ yɛhunu deɛ yɛn ani da so no deɛ a, na ɛnyɛ anidasoɔ bio. Na hwan na nʼani tumi da adeɛ a ɔwɔ dada so. 25Na sɛ yɛn ani da adeɛ a yɛn nsa nkaeɛ so a, yɛde boasetɔ twɛn. 26Saa ara na Honhom no boa yɛn wɔ yɛn mmerɛyɛ mu, ɛfiri sɛ, yɛnnim ɛkwan a wɔfa so bɔ mpaeɛ sɛdeɛ ɛsɛ. Honhom no ankasa de apinisie de nsɛm a ɛnni kabea di ma yɛn. 27Onyankopɔn a ɔhunu nnipa akoma mu no nim Honhom no nsusuiɛ, ɛfiri sɛ, Honhom no nam Onyankopɔn pɛ so di ma Onyankopɔn mma wɔ nʼanim. 28Yɛnim sɛ adeɛ nyinaa mu no Onyankopɔn di boa wɔn a wɔdɔ no ma ɛwie wɔn yie. Ɛdi boa wɔn a wɔnam nʼatirimpɔ so afrɛ wɔn.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.