Native Bible

Romans 8:25 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na sɛ yɛn ani da adeɛ a yɛn nsa nkaeɛ so a, yɛde boasetɔ twɛn.

Romans 8:25 in English

Romans 8:25 · Berean Standard Bible

But if we hope for what we do not yet see, we wait for it patiently.

Context

23Nanso, ɛnyɛ abɔdeɛ nko, na yɛn a yɛwɔ Onyankopɔn Honhom sɛ Onyankopɔn akyɛdeɛ no nso si apinie ɛberɛ a yɛretwɛn sɛ Onyankopɔn de yɛn bɛyɛ ne mma. Yei kyerɛ sɛ yɛbɛde yɛn ho ɔhonam fam nso. 24Na wɔnam saa anidasoɔ yi so gyee yɛn nkwa. Sɛ yɛhunu deɛ yɛn ani da so no deɛ a, na ɛnyɛ anidasoɔ bio. Na hwan na nʼani tumi da adeɛ a ɔwɔ dada so. 25Na sɛ yɛn ani da adeɛ a yɛn nsa nkaeɛ so a, yɛde boasetɔ twɛn. 26Saa ara na Honhom no boa yɛn wɔ yɛn mmerɛyɛ mu, ɛfiri sɛ, yɛnnim ɛkwan a wɔfa so bɔ mpaeɛ sɛdeɛ ɛsɛ. Honhom no ankasa de apinisie de nsɛm a ɛnni kabea di ma yɛn. 27Onyankopɔn a ɔhunu nnipa akoma mu no nim Honhom no nsusuiɛ, ɛfiri sɛ, Honhom no nam Onyankopɔn pɛ so di ma Onyankopɔn mma wɔ nʼanim.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.