Romafoɔ 7:22
Romans 7:22 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mʼakoma nyinaa mu, megye Onyankopɔn mmara to mu.
Romans 7:22 in English
Romans 7:22 · Berean Standard Bible
For in my inner being I delight in God’s law.
Context
20Sɛ meyɛ deɛ mempɛ sɛ meyɛ a, na ɛkyerɛ sɛ ɛnyɛ me na meyɛeɛ, na mmom ɛyɛ bɔne a ɛte me mu no. 21Mmara no ama mahunu sɛ biribi te me mu a ɛmma mennyɛ deɛ menim sɛ ɛyɛ. 22Mʼakoma nyinaa mu, megye Onyankopɔn mmara to mu. 23Nanso, mefiri mʼakwaa nyinaa mu hunu sɛ biribi ne mʼadwene di apereapereɛ. Ɛma me yɛ bɔne akoa, na ɛno na ɛhyɛ me ma me yɛ biribiara. 24Menni ahotɔ! Hwan na ɔbɛgye me afiri saa ɔhonam a ɛde me rekɔ owuo mu yi?
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.