Romafoɔ 7:23
Romans 7:23 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nanso, mefiri mʼakwaa nyinaa mu hunu sɛ biribi ne mʼadwene di apereapereɛ. Ɛma me yɛ bɔne akoa, na ɛno na ɛhyɛ me ma me yɛ biribiara.
Romans 7:23 in English
Romans 7:23 · Berean Standard Bible
But I see another law at work in my body, warring against the law of my mind and holding me captive to the law of sin that dwells within me.*
Context
21Mmara no ama mahunu sɛ biribi te me mu a ɛmma mennyɛ deɛ menim sɛ ɛyɛ. 22Mʼakoma nyinaa mu, megye Onyankopɔn mmara to mu. 23Nanso, mefiri mʼakwaa nyinaa mu hunu sɛ biribi ne mʼadwene di apereapereɛ. Ɛma me yɛ bɔne akoa, na ɛno na ɛhyɛ me ma me yɛ biribiara. 24Menni ahotɔ! Hwan na ɔbɛgye me afiri saa ɔhonam a ɛde me rekɔ owuo mu yi? 25Menam yɛn Awurade Yesu Kristo so meda Onyankopɔn ase.
Na afei, mʼankasa mʼadwene mu, meyɛ akoa ma Onyankopɔn mmara, nanso bɔne nipasu mu no, meyɛ akoa ma bɔne.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.