Romafoɔ 4:20
Romans 4:20 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nanso ne gyidie anhinhim, na wannye Onyankopɔn bɔhyɛ no ho akyinnyeɛ. Ɔhyɛɛ ne gyidie mu den de animuonyam maa Onyankopɔn.
Romans 4:20 in English
Romans 4:20 · Berean Standard Bible
Yet he did not waver through disbelief in the promise of God, but was strengthened in his faith and gave glory to God,
Context
18Ɛberɛ a anidasoɔ asa no, Abraham nyaa anidasoɔ gye diiɛ, enti ɔbɛyɛɛ aman bebree so agya, sɛdeɛ na wɔaka akyerɛ no sɛ, “Saa na wʼasefoɔ bɛyɛ” no. 19Abraham gyidie anhinhim ɛberɛ a na ɔreyɛ adi mfeɛ ɔha no mpo. Na ɔnim nso sɛ ɔregye nna awu, na ne yere Sara nso rentumi nwo mma. 20Nanso ne gyidie anhinhim, na wannye Onyankopɔn bɔhyɛ no ho akyinnyeɛ. Ɔhyɛɛ ne gyidie mu den de animuonyam maa Onyankopɔn. 21Na ɔgye dii yie sɛ Onyankopɔn bɛtumi ayɛ deɛ wahyɛ ho bɔ no. 22Yei enti wɔbuu no sɛ tenenee maa no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.