Romafoɔ 4:22
Romans 4:22 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yei enti wɔbuu no sɛ tenenee maa no.
Romans 4:22 in English
Romans 4:22 · Berean Standard Bible
This is why “it was credited to him as righteousness.”*
Context
20Nanso ne gyidie anhinhim, na wannye Onyankopɔn bɔhyɛ no ho akyinnyeɛ. Ɔhyɛɛ ne gyidie mu den de animuonyam maa Onyankopɔn. 21Na ɔgye dii yie sɛ Onyankopɔn bɛtumi ayɛ deɛ wahyɛ ho bɔ no. 22Yei enti wɔbuu no sɛ tenenee maa no. 23Wɔtwerɛɛ sɛ, “Wɔbuu no sɛ tenenee maa no” no, wɔantwerɛ amma ɔno nko ara. 24Na mmom wɔtwerɛ maa yɛn nso a Onyankopɔn bɛbu yɛn sɛ ateneneefoɔ, yɛn a yɛgye deɛ ɔnyanee Yesu, yɛn Awurade, firii awufoɔ mu die no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.