Romafoɔ 4:18
Romans 4:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛberɛ a anidasoɔ asa no, Abraham nyaa anidasoɔ gye diiɛ, enti ɔbɛyɛɛ aman bebree so agya, sɛdeɛ na wɔaka akyerɛ no sɛ, “Saa na wʼasefoɔ bɛyɛ” no.
Romans 4:18 in English
Romans 4:18 · Berean Standard Bible
Against all hope, Abraham in hope believed and so became the father of many nations, just as he had been told, “So shall your offspring be.”*
Context
16Enti bɔhyɛ no firi gyidie mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛbɛfiri adom mu na ɛbɛtena hɔ ama Abraham asefoɔ nyinaa; ɛnyɛ wɔn a wɔwɔ mmara no ase nko ara, na mmom wɔn a wɔwɔ gyidie sɛ Abraham nso. Ɔyɛ yɛn nyinaa agya. 17Sɛdeɛ wɔatwerɛ no: “Mayɛ wo aman bebree agya.” Onyankopɔn kaa saa, ɛfiri sɛ, Abraham gyee Onyankopɔn a ɔma awufoɔ nya nkwa, na ɔyɛ nneɛma foforɔ firi deɛ ɛnni hɔ mu diiɛ. 18Ɛberɛ a anidasoɔ asa no, Abraham nyaa anidasoɔ gye diiɛ, enti ɔbɛyɛɛ aman bebree so agya, sɛdeɛ na wɔaka akyerɛ no sɛ, “Saa na wʼasefoɔ bɛyɛ” no. 19Abraham gyidie anhinhim ɛberɛ a na ɔreyɛ adi mfeɛ ɔha no mpo. Na ɔnim nso sɛ ɔregye nna awu, na ne yere Sara nso rentumi nwo mma. 20Nanso ne gyidie anhinhim, na wannye Onyankopɔn bɔhyɛ no ho akyinnyeɛ. Ɔhyɛɛ ne gyidie mu den de animuonyam maa Onyankopɔn.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.