Romafoɔ 4:17
Romans 4:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Sɛdeɛ wɔatwerɛ no: “Mayɛ wo aman bebree agya.” Onyankopɔn kaa saa, ɛfiri sɛ, Abraham gyee Onyankopɔn a ɔma awufoɔ nya nkwa, na ɔyɛ nneɛma foforɔ firi deɛ ɛnni hɔ mu diiɛ.
Romans 4:17 in English
Romans 4:17 · Berean Standard Bible
As it is written: “I have made you a father of many nations.”* He is our father in the presence of God, in whom he believed, the God who gives life to the dead and calls into being what does not yet exist.
Context
15ɛfiri sɛ mmara de abufuhyeɛ ba. Na sɛ mmara nni hɔ a, mmarato nni hɔ. 16Enti bɔhyɛ no firi gyidie mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛbɛfiri adom mu na ɛbɛtena hɔ ama Abraham asefoɔ nyinaa; ɛnyɛ wɔn a wɔwɔ mmara no ase nko ara, na mmom wɔn a wɔwɔ gyidie sɛ Abraham nso. Ɔyɛ yɛn nyinaa agya. 17Sɛdeɛ wɔatwerɛ no: “Mayɛ wo aman bebree agya.” Onyankopɔn kaa saa, ɛfiri sɛ, Abraham gyee Onyankopɔn a ɔma awufoɔ nya nkwa, na ɔyɛ nneɛma foforɔ firi deɛ ɛnni hɔ mu diiɛ. 18Ɛberɛ a anidasoɔ asa no, Abraham nyaa anidasoɔ gye diiɛ, enti ɔbɛyɛɛ aman bebree so agya, sɛdeɛ na wɔaka akyerɛ no sɛ, “Saa na wʼasefoɔ bɛyɛ” no. 19Abraham gyidie anhinhim ɛberɛ a na ɔreyɛ adi mfeɛ ɔha no mpo. Na ɔnim nso sɛ ɔregye nna awu, na ne yere Sara nso rentumi nwo mma.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.