Romafoɔ 16:5
Romans 16:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Asafo a wɔhyia wɔ wɔn fie no nso, mekyea wɔn. Monkyea mʼadamfo pa Epaineto a ɔno ne onipa a ɔdii ɛkan gyee Kristo dii wɔ Asia mantam mu no mma me.
Romans 16:5 in English
Romans 16:5 · Berean Standard Bible
Greet also the church that meets at their house. Greet my beloved Epenetus, who was the first convert to Christ in the province of Asia.*
Context
3Mekyea Priska ne Akwila a wɔyɛ me nuanom adwumayɛfoɔ wɔ Kristo Yesu mu 4a wɔpaa wɔn nkwa akyi maa me no. Meda wɔn ase bebree, ɛnyɛ me nko, na mmom, amanamanmufoɔ asafo no nyinaa. 5Asafo a wɔhyia wɔ wɔn fie no nso, mekyea wɔn.
Monkyea mʼadamfo pa Epaineto a ɔno ne onipa a ɔdii ɛkan gyee Kristo dii wɔ Asia mantam mu no mma me. 6Afei, mekyea Maria a ɔyɛɛ adwuma denden maa me no nso. 7Mekyea Androniko ne Yunia. Mekyea me nuanom Yudafoɔ a me ne wɔn daa afiase a wɔagye din yie wɔ asomafoɔ no mu, na wɔdii me ɛkan Kristo mu no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.