Native Bible

Romans 16:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

a wɔpaa wɔn nkwa akyi maa me no. Meda wɔn ase bebree, ɛnyɛ me nko, na mmom, amanamanmufoɔ asafo no nyinaa.

Romans 16:4 in English

Romans 16:4 · Berean Standard Bible

who have risked their lives for me. Not only I but all the churches of the Gentiles are grateful to them.

Context

2Monnye no Awurade din mu sɛdeɛ ɛsɛ sɛ Onyankopɔn manfoɔ yɛ, na mmoa biara a ɛho hia no wɔ mo nkyɛn no, momfa mmoa no. Ɛfiri sɛ, waboa nnipa bebree ne me nso. 3Mekyea Priska ne Akwila a wɔyɛ me nuanom adwumayɛfoɔ wɔ Kristo Yesu mu 4a wɔpaa wɔn nkwa akyi maa me no. Meda wɔn ase bebree, ɛnyɛ me nko, na mmom, amanamanmufoɔ asafo no nyinaa. 5Asafo a wɔhyia wɔ wɔn fie no nso, mekyea wɔn. Monkyea mʼadamfo pa Epaineto a ɔno ne onipa a ɔdii ɛkan gyee Kristo dii wɔ Asia mantam mu no mma me. 6Afei, mekyea Maria a ɔyɛɛ adwuma denden maa me no nso.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.