Romafoɔ 16:7
Romans 16:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mekyea Androniko ne Yunia. Mekyea me nuanom Yudafoɔ a me ne wɔn daa afiase a wɔagye din yie wɔ asomafoɔ no mu, na wɔdii me ɛkan Kristo mu no.
Romans 16:7 in English
Romans 16:7 · Berean Standard Bible
Greet Andronicus and Junia,* my fellow countrymen and fellow prisoners. They are outstanding among the apostles, and they were in Christ before I was.
Context
5Asafo a wɔhyia wɔ wɔn fie no nso, mekyea wɔn.
Monkyea mʼadamfo pa Epaineto a ɔno ne onipa a ɔdii ɛkan gyee Kristo dii wɔ Asia mantam mu no mma me. 6Afei, mekyea Maria a ɔyɛɛ adwuma denden maa me no nso. 7Mekyea Androniko ne Yunia. Mekyea me nuanom Yudafoɔ a me ne wɔn daa afiase a wɔagye din yie wɔ asomafoɔ no mu, na wɔdii me ɛkan Kristo mu no. 8Mekyea mʼAwurade mu dɔfo Amplia. 9Mekyea Ubano a yɛne no someeɛ wɔ Kristo mu. Saa ara nso na mekyea mʼadamfo pa Staki.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.