Native Bible

Romans 15:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na bio, “Amanamanmufoɔ nyinaa nyi Awurade ayɛ; asase so aman nyinaa monkamfo no.”

Romans 15:11 in English

Romans 15:11 · Berean Standard Bible

And again: “Praise the Lord, all you Gentiles, and extol Him, all you peoples.”*

Context

9na wama amanamanmufoɔ nso akamfo no wɔ ne mmɔborɔhunu ho, sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Yei enti, mɛkamfo wo wɔ amanamanmufoɔ mu; na mato nnwom akamfo wo din.” 10Na ɛka bio sɛ, “Mo amanamanmufoɔ, monkamfo Awurade, mo ne ne nkurɔfoɔ, Yudafoɔ.” 11Na bio, “Amanamanmufoɔ nyinaa nyi Awurade ayɛ; asase so aman nyinaa monkamfo no.” 12Na bio Yesaia ka sɛ, “Yisai aseni bɛsɔre, deɛ ɔbɛsɔre abɛdi amanaman no so; ɔno na wɔn ani bɛda ne so.” 13Anidasoɔ Onyankopɔn no a mogye no die no mfa anigyeɛ ne asomdwoeɛ nhyɛ mo ma, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Honhom Kronkron tumi no bɛma mo anidasoɔ mmorosoɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.