Native Bible

Romans 15:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na ɛka bio sɛ, “Mo amanamanmufoɔ, monkamfo Awurade, mo ne ne nkurɔfoɔ, Yudafoɔ.”

Romans 15:10 in English

Romans 15:10 · Berean Standard Bible

Again, it says: “Rejoice, O Gentiles, with His people.”*

Context

8Ɛfiri sɛ, meka kyerɛɛ mo sɛ, Kristo Yesu bɛyɛɛ Yudafoɔ ɔsomfoɔ de kyerɛɛ sɛ Onyankopɔn yɛ ɔnokwafoɔ a ɔbɛma ne bɔ a ɔhyɛɛ agyanom no aba mu, 9na wama amanamanmufoɔ nso akamfo no wɔ ne mmɔborɔhunu ho, sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Yei enti, mɛkamfo wo wɔ amanamanmufoɔ mu; na mato nnwom akamfo wo din.” 10Na ɛka bio sɛ, “Mo amanamanmufoɔ, monkamfo Awurade, mo ne ne nkurɔfoɔ, Yudafoɔ.” 11Na bio, “Amanamanmufoɔ nyinaa nyi Awurade ayɛ; asase so aman nyinaa monkamfo no.” 12Na bio Yesaia ka sɛ, “Yisai aseni bɛsɔre, deɛ ɔbɛsɔre abɛdi amanaman no so; ɔno na wɔn ani bɛda ne so.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.