Romafoɔ 15:13
Romans 15:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Anidasoɔ Onyankopɔn no a mogye no die no mfa anigyeɛ ne asomdwoeɛ nhyɛ mo ma, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Honhom Kronkron tumi no bɛma mo anidasoɔ mmorosoɔ.
Romans 15:13 in English
Romans 15:13 · Berean Standard Bible
Now may the God of hope fill you with all joy and peace as you believe in Him, so that you may overflow with hope by the power of the Holy Spirit.
Context
11Na bio,
“Amanamanmufoɔ nyinaa nyi Awurade ayɛ;
asase so aman nyinaa monkamfo no.” 12Na bio Yesaia ka sɛ,
“Yisai aseni bɛsɔre,
deɛ ɔbɛsɔre abɛdi amanaman no so;
ɔno na wɔn ani bɛda ne so.” 13Anidasoɔ Onyankopɔn no a mogye no die no mfa anigyeɛ ne asomdwoeɛ nhyɛ mo ma, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Honhom Kronkron tumi no bɛma mo anidasoɔ mmorosoɔ. 14Me nuanom, mʼankasa mete nka sɛ, papayɛ ahyɛ mo ma, mowɔ nimdeɛ na mobɛtumi akyerɛkyerɛ mo ho mo ho. 15Mede akokoɔduru atwerɛ abobɔ nneɛma bi so, sɛdeɛ meretwe mo adwene akɔ so bio, ɛsiane adom bi a Onyankopɔn de adom me no enti.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.