Adiyisɛm 20:7
Revelation 20:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mfeɛ apem no akyi, wɔbɛyi ɔbonsam afiri afiase hɔ;
Revelation 20:7 in English
Revelation 20:7 · Berean Standard Bible
When the thousand years are complete, Satan will be released from his prison,
Context
5Yei ne awufosɔreɛ a ɛdi ɛkan. 6Nhyira bebree nka wɔn a wɔdii ɛkan nyanee wɔn firii awufoɔ mu. Owuo a ɛtɔ so mmienu no nni wɔn so tumi. Wɔbɛyɛ Onyankopɔn ne Kristo asɔfoɔ. Na wɔne no bɛdi ahene mfeɛ apem. 7Mfeɛ apem no akyi, wɔbɛyi ɔbonsam afiri afiase hɔ; 8na ɔbɛkɔ akɔdaadaa aman a ɛwɔ ewiase nyinaa a ɛyɛ Gog ne Magog. Ɔbonsam bɛboaboa wɔn ano a wɔn dodoɔ bɛyɛ sɛ mpoano anwea de wɔn akɔ ɔko. 9Wɔtuu sa kɔɔ asase so nyinaa kɔtwaa Onyankopɔn nkurɔfoɔ atenaeɛ, a ɛyɛ ɔman a ɔdɔ no no ho hyiaeɛ. Nanso, ogya firi soro bɛsɛee wɔn.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.