Nnwom 98:2
Psalms 98:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Awurade ama wɔahunu ne nkwagyeɛ na wada ne tenenee adi akyerɛ amanaman no.
Psalms 98:2 in English
Psalms 98:2 · Berean Standard Bible
The LORD has proclaimed His salvation and revealed His righteousness to the nations.
Context
1Monto dwom foforɔ mma Awurade,
ɛfiri sɛ wayɛ anwanwadeɛ bebree;
ne nsa nifa ne ne basa kronkron no
anya nkwagyeɛ ama no. 2Awurade ama wɔahunu ne nkwagyeɛ
na wada ne tenenee adi akyerɛ amanaman no. 3Wakae nʼadɔeɛ
ne ne nokorɛ a ɔdi akyerɛ Israelfoɔ;
asase ano nyinaa ahunu
yɛn Onyankopɔn nkwagyeɛ. 4Asase nyinaa mommɔ ose mma Awurade,
momfa nnwontoɔ nni ahurisie;
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.