Native Bible

Psalms 98 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Listen to Nnwom 98
1Monto dwom foforɔ mma Awurade, ɛfiri sɛ wayɛ anwanwadeɛ bebree; ne nsa nifa ne ne basa kronkron no anya nkwagyeɛ ama no. 2Awurade ama wɔahunu ne nkwagyeɛ na wada ne tenenee adi akyerɛ amanaman no. 3Wakae nʼadɔeɛ ne ne nokorɛ a ɔdi akyerɛ Israelfoɔ; asase ano nyinaa ahunu yɛn Onyankopɔn nkwagyeɛ. 4Asase nyinaa mommɔ ose mma Awurade, momfa nnwontoɔ nni ahurisie; 5Momfa sankuo nto dwom mma Awurade, sankuo ne nnwontoɔ nnyegyeɛ, 6momfa totorobɛnto ne nnwennini mmɛn, nteam ahosɛpɛ so wɔ Awurade, yɛn ɔhene no anim. 7Ɛpo ne abɔdeɛ a ɛwɔ mu nyinaa monworo so; asase ne wɔn a wɔte soɔ nyinaa. 8Momma nsubɔntene mmɔ wɔn nsam, mmepɔ nka mmom nto ahurisie dwom; 9ma wɔnto dwom wɔ Awurade anim, ɛfiri sɛ ɔreba abɛbu ewiase atɛn. Ɔde tenenee bɛbu ewiase atɛn na ɔde pɛpɛyɛ abu nnipa atɛn.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.