Native Bible

Psalms 98:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wakae nʼadɔeɛ ne ne nokorɛ a ɔdi akyerɛ Israelfoɔ; asase ano nyinaa ahunu yɛn Onyankopɔn nkwagyeɛ.

Psalms 98:3 in English

Psalms 98:3 · Berean Standard Bible

He has remembered His love and faithfulness to the house of Israel; all the ends of the earth have seen the salvation of our God.

Context

1Monto dwom foforɔ mma Awurade, ɛfiri sɛ wayɛ anwanwadeɛ bebree; ne nsa nifa ne ne basa kronkron no anya nkwagyeɛ ama no. 2Awurade ama wɔahunu ne nkwagyeɛ na wada ne tenenee adi akyerɛ amanaman no. 3Wakae nʼadɔeɛ ne ne nokorɛ a ɔdi akyerɛ Israelfoɔ; asase ano nyinaa ahunu yɛn Onyankopɔn nkwagyeɛ. 4Asase nyinaa mommɔ ose mma Awurade, momfa nnwontoɔ nni ahurisie; 5Momfa sankuo nto dwom mma Awurade, sankuo ne nnwontoɔ nnyegyeɛ,

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.