Native Bible

Psalms 95:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Momma yɛmfa aseda mmra nʼanim, na yɛmfa ahosɛpɛ nnwom mma no so.

Psalms 95:2 in English

Psalms 95:2 · Berean Standard Bible

Let us enter His presence with thanksgiving; let us make a joyful noise to Him in song.

Context

1Mommra mma yɛnto dwom wɔ anigyeɛ so mma Awurade; momma yɛmmɔ ose mma yɛn nkwagyeɛ Botan no. 2Momma yɛmfa aseda mmra nʼanim, na yɛmfa ahosɛpɛ nnwom mma no so. 3Ɛfiri sɛ, Awurade yɛ Onyankopɔn kɛseɛ, ɔhenkɛseɛ wɔ anyame nyinaa so. 4Ne nsam na asase mu nneɛma nyinaa wɔ, na mmepɔ mpampam wɔ no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.