Nnwom 95:4
Psalms 95:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ne nsam na asase mu nneɛma nyinaa wɔ, na mmepɔ mpampam wɔ no.
Psalms 95:4 in English
Psalms 95:4 · Berean Standard Bible
In His hand are the depths of the earth, and the mountain peaks belong to Him.
Context
2Momma yɛmfa aseda mmra nʼanim,
na yɛmfa ahosɛpɛ nnwom mma no so. 3Ɛfiri sɛ, Awurade yɛ Onyankopɔn kɛseɛ,
ɔhenkɛseɛ wɔ anyame nyinaa so. 4Ne nsam na asase mu nneɛma nyinaa wɔ,
na mmepɔ mpampam wɔ no. 5Ɛpo wɔ no. Ɔno na ɔbɔeɛ,
na ne nsa na ɛnwonoo asase kesee no. 6Mommra mma yɛnkoto nsom no.
Momma yɛmmu nkotodwe wɔ Awurade yɛn Yɛfoɔ no anim!
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.