Native Bible

Psalms 91:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔde ne ntakra bɛkata wo so; na ne ntaban ase na wobɛnya dwanekɔbea; ne nokorɛ bɛyɛ wo banbɔ ne wo kyɛm.

Psalms 91:4 in English

Psalms 91:4 · Berean Standard Bible

He will cover you with His feathers; under His wings you will find refuge; His faithfulness is a shield and rampart.

Context

2Mɛse Awurade sɛ, “Woyɛ me dwanekɔbea ne mʼabankɛseɛ, me Onyankopɔn a mewɔ wo mu ahotosoɔ.” 3Ampa ara, ɔbɛgye wo afiri fidisumfoɔ afidie mu ne owuyadeɛ mu. 4Ɔde ne ntakra bɛkata wo so; na ne ntaban ase na wobɛnya dwanekɔbea; ne nokorɛ bɛyɛ wo banbɔ ne wo kyɛm. 5Worensuro anadwo mu ahunahuna, anaa bɛmma a ɛtu awia, 6anaa owuyadeɛ a ɛba esum mu, anaa ɔyaredɔm a ɛsɛe owigyinaeɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.