Native Bible

Psalms 91:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mɛse Awurade sɛ, “Woyɛ me dwanekɔbea ne mʼabankɛseɛ, me Onyankopɔn a mewɔ wo mu ahotosoɔ.”

Psalms 91:2 in English

Psalms 91:2 · Berean Standard Bible

I will say to the LORD, “You are my refuge and my fortress, my God, in whom I trust.”

Context

1Deɛ ɔte Ɔsorosoroni no hintabea bɛhome wɔ Otumfoɔ no nwunu mu. 2Mɛse Awurade sɛ, “Woyɛ me dwanekɔbea ne mʼabankɛseɛ, me Onyankopɔn a mewɔ wo mu ahotosoɔ.” 3Ampa ara, ɔbɛgye wo afiri fidisumfoɔ afidie mu ne owuyadeɛ mu. 4Ɔde ne ntakra bɛkata wo so; na ne ntaban ase na wobɛnya dwanekɔbea; ne nokorɛ bɛyɛ wo banbɔ ne wo kyɛm.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.