Native Bible

Psalms 90:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wode yɛn amumuyɛ asi wʼanim, na yɛn kɔkoam bɔne da wʼanim hann no mu.

Psalms 90:8 in English

Psalms 90:8 · Berean Standard Bible

You have set our iniquities before You, our secret sins in the light of Your presence.

Context

6ɛfefɛ yɛ frɔmfrɔm anɔpa deɛ, nanso anwummerɛ ɛwo na ɛtwintwam. 7Yɛresa wɔ wʼabofuo ano na wʼanibereɛ abɔ yɛn hu. 8Wode yɛn amumuyɛ asi wʼanim, na yɛn kɔkoam bɔne da wʼanim hann no mu. 9Yɛn nna nyinaa twam wɔ wʼabufuhyeɛ mu; na yɛde awerɛhoɔdie na ɛwie yɛn mfeɛ. 10Yɛn nkwa nna si mfeɛ aduɔson, anaasɛ aduɔwɔtwe, sɛ yɛwɔ ahoɔden a; na emu ahohoahoadeɛ yɛ ɔhaw ne awerɛhoɔ, na ɛtwam ntɛm ntɛm, na yɛtu kɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.