Nnwom 90:10
Psalms 90:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yɛn nkwa nna si mfeɛ aduɔson, anaasɛ aduɔwɔtwe, sɛ yɛwɔ ahoɔden a; na emu ahohoahoadeɛ yɛ ɔhaw ne awerɛhoɔ, na ɛtwam ntɛm ntɛm, na yɛtu kɔ.
Psalms 90:10 in English
Psalms 90:10 · Berean Standard Bible
The length of our days is seventy years— or eighty if we are strong— yet their pride is but labor and sorrow, for they quickly pass, and we fly away.
Context
8Wode yɛn amumuyɛ asi wʼanim,
na yɛn kɔkoam bɔne da wʼanim hann no mu. 9Yɛn nna nyinaa twam wɔ wʼabufuhyeɛ mu;
na yɛde awerɛhoɔdie na ɛwie yɛn mfeɛ. 10Yɛn nkwa nna si mfeɛ aduɔson,
anaasɛ aduɔwɔtwe, sɛ yɛwɔ ahoɔden a;
na emu ahohoahoadeɛ yɛ ɔhaw ne awerɛhoɔ,
na ɛtwam ntɛm ntɛm, na yɛtu kɔ. 11Hwan na ɔnim wʼabofuo mu tumi?
Wʼabofuhyeɛ yɛ kɛseɛ sɛdeɛ wo ho suro teɛ. 12Ma yɛnhunu yɛn nna kan sɛdeɛ ɛteɛ,
na yɛanya nyansa akoma.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.