Native Bible

Psalms 90 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Listen to Nnwom 90
1Awurade, wo na woayɛ yɛn tenabea awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu. 2Ansa na wɔrebɛbɔ mmepɔ anaasɛ worebɛda asase ne ewiase adi no, na woyɛ Onyankopɔn firi mmerɛsanten kɔsi mmerɛsanten. 3Woma adasamma sane dane mfuturo, ka sɛ, “Ao adasamma, monsane nkɔ mfuturo mu.” 4Mfirinhyia apem yɛ wʼani so sɛ da koro a abɛsene seesei, anaasɛ anadwo mu dɔnhwereɛ kakraa bi. 5Wopra nnipa kɔ, wɔ owuo nna mu; wɔte sɛ ɛserɛ a afefɛ anɔpa, 6ɛfefɛ yɛ frɔmfrɔm anɔpa deɛ, nanso anwummerɛ ɛwo na ɛtwintwam. 7Yɛresa wɔ wʼabofuo ano na wʼanibereɛ abɔ yɛn hu. 8Wode yɛn amumuyɛ asi wʼanim, na yɛn kɔkoam bɔne da wʼanim hann no mu. 9Yɛn nna nyinaa twam wɔ wʼabufuhyeɛ mu; na yɛde awerɛhoɔdie na ɛwie yɛn mfeɛ. 10Yɛn nkwa nna si mfeɛ aduɔson, anaasɛ aduɔwɔtwe, sɛ yɛwɔ ahoɔden a; na emu ahohoahoadeɛ yɛ ɔhaw ne awerɛhoɔ, na ɛtwam ntɛm ntɛm, na yɛtu kɔ. 11Hwan na ɔnim wʼabofuo mu tumi? Wʼabofuhyeɛ yɛ kɛseɛ sɛdeɛ wo ho suro teɛ. 12Ma yɛnhunu yɛn nna kan sɛdeɛ ɛteɛ, na yɛanya nyansa akoma. 13Sane bra, Ao Awurade, ɛbɛkɔ so akɔsi da bɛn? Hunu wʼasomfoɔ mmɔbɔ. 14Ma wʼadɔeɛ a ɛnsa da no mmee yɛn adekyeɛ mu, na yɛde anigyeɛ ato dwom adi ahurisie yɛn nna nyinaa mu. 15Ma yɛn ani nnye nna bebree sɛ nna dodoɔ a wode yɛn kɔɔ amanehunu mu no, sɛ mfirinhyia dodoɔ a yɛhunuu ateeteeɛ no. 16Ma wʼasomfoɔ nhunu wo nneyɛɛ na wɔn mma nhunu wʼanimuonyam. 17Ma Awurade yɛn Onyankopɔn adom no ntena yɛn so; na yɛn nsa ano adwuma nyɛ yie mma yɛn aane, yɛn nsa ano adwuma nyɛ yie.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.