Nnwom 89:47
Psalms 89:47 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Kae sɛdeɛ me nkwa nna twam ntɛm so. Ɛfiri sɛ woabɔ yɛn nyinaa sɛ adeɛ a ɛtwa mu ntɛm so!
Psalms 89:47 in English
Psalms 89:47 · Berean Standard Bible
Remember the briefness of my lifespan! For what futility You have created all men!
Context
45Woatwa ne mmeranteberɛ nna so
na wode animguaseɛ ngugusoɔ akata ne so. 46Ao Awurade, ɛnkɔsi da bɛn? Wode wo ho bɛhinta afebɔɔ anaa?
Wʼabofuhyeɛ bɛkɔ so adɛre akɔsi da bɛn? 47Kae sɛdeɛ me nkwa nna twam ntɛm so.
Ɛfiri sɛ woabɔ yɛn nyinaa sɛ adeɛ a ɛtwa mu ntɛm so! 48Hwan na ɔbɛtena ase a ɔrenwu da?
Anaasɛ hwan na ɔbɛtumi agye ne ho afiri owuo tumi nsam? 49Ao Awurade, ɛhe na wo tete adɔeɛ kɛseɛ no wɔ,
deɛ wofiri wo nokorɛdie mu de kaa ntam kyerɛɛ Dawid no?
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.