Native Bible

Psalms 89:40 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Woabubu nʼafasuo nyinaa ama nʼabandenden adane mmubuiɛ.

Psalms 89:40 in English

Psalms 89:40 · Berean Standard Bible

You have broken down all his walls; You have reduced his strongholds to rubble.

Context

38Nanso woapo no, woapa nʼakyi wo bo afu deɛ woasra no ngo no. 39Woagu apam a wo ne wo ɔsomfoɔ pameeɛ no woagu nʼahenkyɛ ho fi wɔ mfuturo mu. 40Woabubu nʼafasuo nyinaa ama nʼabandenden adane mmubuiɛ. 41Wɔn a wɔtwam wɔ hɔ nyinaa fom no fa; na wayɛ aniwudeɛ ama ne mfɛfoɔ. 42Woama nʼatamfoɔ nsa nifa so; ama wɔn nyinaa di ahurisie.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.