Native Bible

Psalms 89:38 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nanso woapo no, woapa nʼakyi wo bo afu deɛ woasra no ngo no.

Psalms 89:38 in English

Psalms 89:38 · Berean Standard Bible

Now, however, You have spurned and rejected him; You are enraged by Your anointed one.

Context

36Meremma nʼase ntɔre da na nʼahennwa nso bɛtim wɔ mʼanim te sɛ owia; 37ɛbɛtim hɔ daa te sɛ ɔsrane, ɔdansefoɔ nokwafoɔ a ɔwɔ ewiem no.” 38Nanso woapo no, woapa nʼakyi wo bo afu deɛ woasra no ngo no. 39Woagu apam a wo ne wo ɔsomfoɔ pameeɛ no woagu nʼahenkyɛ ho fi wɔ mfuturo mu. 40Woabubu nʼafasuo nyinaa ama nʼabandenden adane mmubuiɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.