Native Bible

Psalms 89:37 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

ɛbɛtim hɔ daa te sɛ ɔsrane, ɔdansefoɔ nokwafoɔ a ɔwɔ ewiem no.”

Psalms 89:37 in English

Psalms 89:37 · Berean Standard Bible

like the moon, established forever, a faithful witness in the sky.” Selah

Context

35Menam me din kronkron no so aka ntam prɛko, na merentwa Dawid atorɔ da. 36Meremma nʼase ntɔre da na nʼahennwa nso bɛtim wɔ mʼanim te sɛ owia; 37ɛbɛtim hɔ daa te sɛ ɔsrane, ɔdansefoɔ nokwafoɔ a ɔwɔ ewiem no.” 38Nanso woapo no, woapa nʼakyi wo bo afu deɛ woasra no ngo no. 39Woagu apam a wo ne wo ɔsomfoɔ pameeɛ no woagu nʼahenkyɛ ho fi wɔ mfuturo mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.