Native Bible

Psalms 89:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Me nsa bɛwowa no; ampa ara mʼabasa bɛhyɛ no den.

Psalms 89:21 in English

Psalms 89:21 · Berean Standard Bible

My hand will sustain him; surely My arm will strengthen him.

Context

19Ɛda bi wokasaa wɔ anisoadehunu mu, kyerɛɛ wʼahotefoɔ sɛ, “Madom ɔkofoni bi ahoɔden; mapagya aberanteɛ bi afiri nnipa no mu. 20Mahunu Dawid, me ɔsomfoɔ; mede me ngo kronkron no asra no. 21Me nsa bɛwowa no; ampa ara mʼabasa bɛhyɛ no den. 22Ɔtamfoɔ biara renhyɛ no sɛ ɔntua toɔ; omumuyɛfoɔ biara rentumi nhyɛ ne so. 23Mɛdwerɛ nʼatamfoɔ wɔ nʼanim na mabobɔ nʼahohiahiafoɔ ahwe fam.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.