Nnwom 89:20
Psalms 89:20 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mahunu Dawid, me ɔsomfoɔ; mede me ngo kronkron no asra no.
Psalms 89:20 in English
Psalms 89:20 · Berean Standard Bible
I have found My servant David; with My sacred oil I have anointed him.
Context
18Ampa ara, yɛn banbɔ firi Awurade hɔ,
na Israel Kronkronni no ama yɛn Ɔhene. 19Ɛda bi wokasaa wɔ anisoadehunu mu,
kyerɛɛ wʼahotefoɔ sɛ,
“Madom ɔkofoni bi ahoɔden;
mapagya aberanteɛ bi afiri nnipa no mu. 20Mahunu Dawid, me ɔsomfoɔ;
mede me ngo kronkron no asra no. 21Me nsa bɛwowa no;
ampa ara mʼabasa bɛhyɛ no den. 22Ɔtamfoɔ biara renhyɛ no sɛ ɔntua toɔ;
omumuyɛfoɔ biara rentumi nhyɛ ne so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.