Native Bible

Psalms 89:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔgye wɔn ani wɔ wo din mu da mu nyinaa; wɔdi ahurisie wɔ wo tenenee mu.

Psalms 89:16 in English

Psalms 89:16 · Berean Standard Bible

They rejoice in Your name all day long, and in Your righteousness they exult.

Context

14Wʼahennwa no fapem yɛ tenenee ne atɛntenenee; adɔeɛ ne nokorɛdie di wʼanim. 15Nhyira nka wɔn a wɔasua sɛdeɛ wɔbɔ wo abɔdin, wɔn a wɔnante wʼanim hann no mu, Ao Awurade. 16Wɔgye wɔn ani wɔ wo din mu da mu nyinaa; wɔdi ahurisie wɔ wo tenenee mu. 17Wone wɔn animuonyam ne ahoɔden, na wʼadom enti yɛyɛ nkonimdifoɔ. 18Ampa ara, yɛn banbɔ firi Awurade hɔ, na Israel Kronkronni no ama yɛn Ɔhene.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.