Nnwom 89:15
Psalms 89:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nhyira nka wɔn a wɔasua sɛdeɛ wɔbɔ wo abɔdin, wɔn a wɔnante wʼanim hann no mu, Ao Awurade.
Psalms 89:15 in English
Psalms 89:15 · Berean Standard Bible
Blessed are those who know the joyful sound, who walk, O LORD, in the light of Your presence.
Context
13Tumi ayɛ wo basa ma;
wo nsam wɔ ahoɔden, wama wo nsa nifa so. 14Wʼahennwa no fapem yɛ tenenee ne atɛntenenee;
adɔeɛ ne nokorɛdie di wʼanim. 15Nhyira nka wɔn a wɔasua sɛdeɛ wɔbɔ wo abɔdin,
wɔn a wɔnante wʼanim hann no mu, Ao Awurade. 16Wɔgye wɔn ani wɔ wo din mu da mu nyinaa;
wɔdi ahurisie wɔ wo tenenee mu. 17Wone wɔn animuonyam ne ahoɔden,
na wʼadom enti yɛyɛ nkonimdifoɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.