Native Bible

Psalms 84:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ao Onyankopɔn, hwɛ yɛn akokyɛm; fa ahummɔborɔ hwɛ deɛ woasra no ngo no.

Psalms 84:9 in English

Psalms 84:9 · Berean Standard Bible

Take notice of our shield, O God, and look with favor on the face of Your anointed.

Context

7Wɔkɔ no ahoɔden so berɛ nyinaa, kɔsi sɛ wɔn mu biara bɛpue Onyankopɔn anim wɔ Sion. 8Ao Asafo Awurade, Onyankopɔn tie me mpaeɛbɔ; Ao Yakob Onyankopɔn, yɛ aso ma me. 9Ao Onyankopɔn, hwɛ yɛn akokyɛm; fa ahummɔborɔ hwɛ deɛ woasra no ngo no. 10Wʼadihɔ hɔ da korɔ tena yɛ sene nnafua apem wɔ baabi foforɔ; mepɛ sɛ mɛyɛ ɔpono ano hwɛfoɔ wɔ Onyankopɔn fie sene sɛ mɛtena amumuyɛfoɔ ntomadan mu. 11Ɛfiri sɛ Awurade Onyankopɔn yɛ owia ne ɛkyɛm; Awurade hunu mmɔbɔ na ɔhyɛ animuonyam; ɔremfa ade pa biara nkame wɔn a wɔteneɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.