Native Bible

Psalms 84:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wʼadihɔ hɔ da korɔ tena yɛ sene nnafua apem wɔ baabi foforɔ; mepɛ sɛ mɛyɛ ɔpono ano hwɛfoɔ wɔ Onyankopɔn fie sene sɛ mɛtena amumuyɛfoɔ ntomadan mu.

Psalms 84:10 in English

Psalms 84:10 · Berean Standard Bible

For better is one day in Your courts than a thousand elsewhere. I would rather be a doorkeeper in the house of my God than dwell in the tents of the wicked.

Context

8Ao Asafo Awurade, Onyankopɔn tie me mpaeɛbɔ; Ao Yakob Onyankopɔn, yɛ aso ma me. 9Ao Onyankopɔn, hwɛ yɛn akokyɛm; fa ahummɔborɔ hwɛ deɛ woasra no ngo no. 10Wʼadihɔ hɔ da korɔ tena yɛ sene nnafua apem wɔ baabi foforɔ; mepɛ sɛ mɛyɛ ɔpono ano hwɛfoɔ wɔ Onyankopɔn fie sene sɛ mɛtena amumuyɛfoɔ ntomadan mu. 11Ɛfiri sɛ Awurade Onyankopɔn yɛ owia ne ɛkyɛm; Awurade hunu mmɔbɔ na ɔhyɛ animuonyam; ɔremfa ade pa biara nkame wɔn a wɔteneɛ. 12Ao Asafo Awurade, nhyira nka onipa a ɔde ne ho to wo so. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.