Native Bible

Psalms 79:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ao Awurade, ahohora a yɛn mfɛfoɔ asum agu wo soɔ no, tua wɔn so ka mprɛnson.

Psalms 79:12 in English

Psalms 79:12 · Berean Standard Bible

Pay back into the laps of our neighbors sevenfold the reproach they hurled at You, O Lord.

Context

10Adɛn enti na ɛsɛ sɛ amanaman ka sɛ, “Wɔn Onyankopɔn wɔ he?” Yɛn anim ha ara, ma wɔnhunu wɔ amanaman mu sɛ wotɔ wʼasomfoɔ mogya a wɔahwie agu no so werɛ. 11Ma nneduafoɔ no apinisie nnuru wʼanim; fa wo basa ahoɔden no kora wɔn a wɔabu wɔn kumfɔ no. 12Ao Awurade, ahohora a yɛn mfɛfoɔ asum agu wo soɔ no, tua wɔn so ka mprɛnson. 13Na yɛn a yɛyɛ wo nkurɔfoɔ, wʼadidibea nnwan no, bɛyi wo ayɛ daa nyinaa; ɛfiri awoɔ ntoatoasoɔ kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ yɛbɛkɔ so aka wʼayɛyie akyerɛ. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no “Sonannim Edut” sankuo nne so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.