Native Bible

Psalms 79:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Adɛn enti na ɛsɛ sɛ amanaman ka sɛ, “Wɔn Onyankopɔn wɔ he?” Yɛn anim ha ara, ma wɔnhunu wɔ amanaman mu sɛ wotɔ wʼasomfoɔ mogya a wɔahwie agu no so werɛ.

Psalms 79:10 in English

Psalms 79:10 · Berean Standard Bible

Why should the nations ask, “Where is their God?” Before our eyes, make known among the nations Your vengeance for the bloodshed of Your servants.

Context

8Mfa yɛn agyanom bɔne so asotwe mma yɛn; ma wo mmɔborɔhunu mmra yɛn so ntɛm, na yɛwɔ ahohiahia mu. 9Ao Onyankopɔn yɛn Agyenkwa, boa yɛn, wo din no animuonyam nti; gye yɛn na fa yɛn bɔne kyɛ yɛn wo din enti. 10Adɛn enti na ɛsɛ sɛ amanaman ka sɛ, “Wɔn Onyankopɔn wɔ he?” Yɛn anim ha ara, ma wɔnhunu wɔ amanaman mu sɛ wotɔ wʼasomfoɔ mogya a wɔahwie agu no so werɛ. 11Ma nneduafoɔ no apinisie nnuru wʼanim; fa wo basa ahoɔden no kora wɔn a wɔabu wɔn kumfɔ no. 12Ao Awurade, ahohora a yɛn mfɛfoɔ asum agu wo soɔ no, tua wɔn so ka mprɛnson.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.